Ephesians 6

Mma ne awofo

1Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ, saa na eye. 2“Di wʼagya ne wo na ni” no ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho! 3“na asi wo yiye na wo nna nso aware asase yi so.”

4Awofo, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade kwan pa so.

5Asomfo, momfa ehu ne ahopopo ntie mo wuranom a mo ne wɔn wɔ asase so ha, na momfa koma pa nsom wɔn sɛnea moresom Kristo no. 6Ɛnyɛ bere a wɔrehwɛ mo nko na monyɛ saa sɛnea mubenya wɔn anim nyam, na mmom, momfa mo koma nyinaa nyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ nʼasomfo. 7Momfa anigye nyɛ mo adwuma sɛ asomfo a moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa. 8Monkae sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

9Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo na munnyae wɔn ahunahuna. Monkae sɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ soro; na ɔno de ɔnhwɛ anim mmu atɛn.

10Nea etwa to ne sɛ, momfa mo ahoɔden nhyɛ Awurade mu wɔ ne tumi mu. 11Momfa akode a Onyankopɔn de ama mo no nyinaa nhyehyɛ mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi asɔre atia ɔbonsam ne ne nnaadaa no. 12Efisɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahohommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.

13Eyi nti, momfa Onyankopɔn akode no mprempren! Na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina atamfo no anim na moko wie nso a, moagyina pintinn.

14Enti munnyina hɔ; momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo 15na momfa Asɛmpa a ɛma asomdwoe no sɛ mpaboa nhyehyɛ mo nan. 16Bere biara, momfa gyidi nyɛ mo kyɛm. Na ɛno na mode bedum ɔbonsam bɛma a ɛredɛw a ɔbɛtow no. 17Momfa nkwagye kyɛw ne Onyankopɔn asɛm sɛ nkrante a Honhom no de ama mo.

18Monyɛ eyi nyinaa wɔ mpaebɔ mu na mummisa Onyankopɔn hɔ mmoa. Bere biara, momma Honhom no nni mo kan wɔ mpaebɔ mu. Eyi nti munnyina pintinn na mommpa abaw. Daa mommɔ mpae mma Onyankopɔn nkurɔfo. 19Mommɔ mpae mma me na sɛ mepɛ sɛ mekasa a, Onyankopɔn ama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so mada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20Ɛwom sɛ mprempren meyɛ odeduani de, nanso Asɛmpa yi nti, meyɛ ɔnanmusifo. Mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru akasa sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.

21Yɛn nua pa, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo gyidini no bɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu dwuma a meredi. 22Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama wabɛka sɛnea yɛresi kɔ so akyerɛ mo na wasan ahyɛ mo nkuran nso.

23Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma anuanom nyinaa asomdwoe ne ɔdɔ a gyidi wɔ mu. 24Adom nka wɔn a daa wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Copyright information for TwiNAK